Download Matwen Mp3 by Symphonic Music, Kofi Owusu Peprah
DOWNLOAD MORE SYMPHONIC MUSIC SONGS HERE
Lyrics: Matwen by Symphonic Music
Verse 1:
Awurade na ɔma,
Nea w’abrɛ tumi
Na nea onni home no,
ɔma n’ahoɔden dɔɔso
Mmranteɛ mpo berɛ o,
Na wɔmo pa aba daa
Nkwakwaa hwe hwe,
Ase san wɔn akyi
Nanso wɔn a wɔtwɛn, Awurade anim
Onya ahoɔden foforo
Ɔde ntaban foro sɛ, anomaa ɔkɔdea a,
Otu mmirika, na wɔmpa aba da,
Ɔnante a ɔmerɛ
Verse 2:
Awurade ama m’ayɛ, n’adebɔ mu ɔdehyeɛ
W’ahyɛ me tenenee katabo
Ɔde nepa ahyɛ m’afono mu ma
W’ama makoma ahyɛ ma oo
Hwɛ sɛ matanfo ani awu
Nti mmerɛ a metease yi,
Wo nwunu ase (8xs) a na metena
Na m’ato me dɔfo ho dwom sɛ
Wo nwuma yɛ kɛse,
Wo nwuma yɛ nwanwa
Onipa ba biara ntumi ntease
Verse 3:
Metwere Zion botan,
Nti medeɛ mennsuro dɔm
Efiri sɛ nea ɔte me mu no
Ɔso sene nea ɔwo wiase
Enti Awurade ka me ho yi
Medeɛ me nsuro anadwo bumbɔ
Ɛne bemma a etu awia ketee
Esane yadeɛ a ɛsɛe adeɛ
Efiri sɛ w’ama me kra adwane,
Efiri ofidisumfoɔ afidie mu
Ɛne afidie no abubu,
Afidie no adwiri,
Na me deɛ m’ade meho
Verse 4:
Nti berɛ a mete ase yi deɛ,
Me dwane kɔbea ne wo Awurade
Mekogyefo ne Yehowa,
A ɔntonko na ɔnna
Enti aseda bɛn, mpo na ɛbɛsɔ w’ani
Agya na medeɛ mento nnwom bɛn, na ɛbɛyɛ w’aso mu dɛ
Verse 5:
Agya mede meho nyinaa, bɛbɔ afɔdeɛ ama wo a
Ɔkɛseɛ meyɛ wodea, na meyɛ w’adidibea dwan
Se meyi sika nso a, sika ne dwetɛ nyinaa firi wo hɔ a
Nti m’asɛm nyinaa nie
Refrain:
Agya, wodin na aseda nka
Agya, wodin na aseda nka
Ɔdomfo, wodin na ayeyie nka
Katakyie, wodin na nhyira nka
Dasabreɛ, wodin na ntontom nka
Dwantoa hene, wodin na aseda nka
Daseberɛ, wodin na anidie sɛ
Calvary nkunimdifoɔ, w’ayeyie rensa da
Chorus:
Enti medea mebɔ wo din daa
Mebɔ Awurade ne din,
Mema ne so akyerɛ,
Amansan nyinaa
Efiri sɛ ɔye Owura,
N’akyi ne n’anim,
Obi ntesɛ ɔno, ɔye tete Nyame
(Repeat)
Verse 6:
Agya m’akoma so asɛm paa,
Na mede ayɛ nnwom a meretoɔ yi
Sɛ wɔn a wɔtwɛn wo no,
W’anim rengu ase da
(Repeat)
(Repeat Chorus 3x to end…)